Jeremiah 11

Wɔabu Apam No So

1Asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2“Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so, 4nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 5Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.”

Mibuae se, “Amen, Awurade.”

6Awurade ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so. 7Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.” 8Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ ”

9Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam. 10Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so. 11Ɛno nti nea Awurade se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so. 12Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’

14“Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.
15 “Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu
bere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?
Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?
Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm a
na wʼani agye.”


16 Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔm
a ɛsow aba a ɛyɛ fɛ.
Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmu
bɛto mu gya,
na ne mman bebubu.

17 Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal.

Yeremia Tirisopam

18Esiane sɛ Awurade yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;
momma yentwa no mfi ateasefo asase so,
sɛnea wɔnnkae ne din bio.”

20 Nanso wo, Asafo Awurade, wo a wubu atɛntrenee
na wosɔ koma ne adwene hwɛ,
ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

21Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,” 22Ɛno nti, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea. 23Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔ wɔn asotwe afe mu.”
Copyright information for TwiAKNA